Native Bible

Numbers 12:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me, “Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a, menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no daeɛ mu.

Numbers 12:6 in English

Numbers 12:6 · Berean Standard Bible

He said, “Hear now My words: If there is a prophet among you, I, the LORD, will reveal Myself to him in a vision; I will speak to him in a dream.

Context

4Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim. 5Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no, 6Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me, “Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a, menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no daeɛ mu. 7Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho. Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ. 8Me ne no kasa animu ne animu, kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo. Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ. Adɛn enti na moansuro sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.