4 Mose 11:34
Numbers 11:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ.
Numbers 11:34 in English
Numbers 11:34 · Berean Standard Bible
So they called that place Kibroth-hattaavah,* because there they buried the people who had craved other food.
Context
32Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so wɔ atenaeɛ hɔ nyinaa. 33Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara. 34Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ. 35Ɔman no tu firii hɔ kɔtenaa Haserot kakra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.