4 Mose 1:3
Numbers 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa.
Numbers 1:3 in English
Numbers 1:3 · Berean Standard Bible
You and Aaron are to number those who are twenty years of age or older by their divisions—everyone who can serve in Israel’s army.
Context
1Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ: 2“Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din. 3Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa. 4Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo. 5“Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie:
“Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.