Marko 6:54
Mark 6:54 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no.
Mark 6:54 in English
Mark 6:54 · Berean Standard Bible
As soon as they got out of the boat, the people recognized Jesus
Context
52ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma. 53Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano. 54Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no. 55Wɔtuu mmirika kyinii nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔreɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔntene so, srɛɛ no sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.