Native Bible

Mark 6:52 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma.

Mark 6:52 in English

Mark 6:52 · Berean Standard Bible

for they had not understood about the loaves, but their hearts had been hardened.

Context

50Wɔn nyinaa hunuu no. Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!” 51Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn, 52ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma. 53Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano. 54Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.