Native Bible

Mark 6:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.

Mark 6:15 in English

Mark 6:15 · Berean Standard Bible

Others were saying, “He is Elijah,” and still others, “He is a prophet, like one of the prophets of old.”

Context

13Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ. 14Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɛ yi.” 15Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba. 16Herode kaa sɛ, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osubɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu.” 17Saa ɛberɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri sɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.