Marko 5:2
Mark 5:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no.
Mark 5:2 in English
Mark 5:2 · Berean Standard Bible
As soon as Jesus got out of the boat, He was met by a man with an unclean spirit, who was coming from the tombs.
Context
1Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so. 2Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. 3Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ. 4Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie enti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.