Marko 3:33
Mark 3:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”
Mark 3:33 in English
Mark 3:33 · Berean Standard Bible
But Jesus replied, “Who are My mother and My brothers?”
Context
31Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.” 33Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?” 34Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom! 35Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.