Marko 2:7
Mark 2:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”
Mark 2:7 in English
Mark 2:7 · Berean Standard Bible
“Why does this man speak like this? He is blaspheming! Who can forgive sins but God alone?”
Context
5Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!” 6Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim 7sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.” 8Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo? 9Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.