Marko 2:5
Mark 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”
Mark 2:5 in English
Mark 2:5 · Berean Standard Bible
When Jesus saw their faith, He said to the paralytic, “Son, your sins are forgiven.”
Context
3Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa hɔ. 4Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. 5Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!” 6Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim 7sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.