Native Bible

Mark 16:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

Mark 16:19 in English

Mark 16:19 · Berean Standard Bible

After the Lord Jesus had spoken to them, He was taken up into heaven and sat down at the right hand of God.

Context

17Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ. 18Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.” 19Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. 20Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.