Native Bible

Mark 16:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ.

Mark 16:17 in English

Mark 16:17 · Berean Standard Bible

And these signs will accompany those who believe: In My name they will drive out demons; they will speak in new tongues;*

Context

15Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbɛbu no fɔ. 17Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ. 18Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.” 19Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.