Marko 15:17
Mark 15:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no.
Mark 15:17 in English
Mark 15:17 · Berean Standard Bible
They dressed Him in a purple robe, twisted together a crown of thorns, and set it on His head.
Context
15Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. 16Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ. 17Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no. 18Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!” 19Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.