Marko 14:53
Mark 14:53 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ.
Mark 14:53 in English
Mark 14:53 · Berean Standard Bible
They led Jesus away to the high priest, and all the chief priests, elders, and scribes assembled.
Context
51Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. 52Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee. 53Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ. 54Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu. 55Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.