Native Bible

Mark 14:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi.

Mark 14:13 in English

Mark 14:13 · Berean Standard Bible

So He sent two of His disciples and told them, “Go into the city, and a man carrying a jug of water will meet you. Follow him,

Context

11Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu. 12Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no. 13Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi. 14Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ 15Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.