Marko 13:21
Mark 13:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua.
Mark 13:21 in English
Mark 13:21 · Berean Standard Bible
At that time if anyone says to you, ‘Look, here is the Christ!’ or ‘There He is!’ do not believe it.
Context
19Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da. 20“Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so. 21Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua. 22Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. 23Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.