Marko 11:9
Mark 11:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ, “Hosiana!”* “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!”
Mark 11:9 in English
Mark 11:9 · Berean Standard Bible
The ones who went ahead and those who followed were shouting: “Hosanna!”* “Blessed is He who comes in the name of the Lord!”*
Context
7Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. 8Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ,
“Hosiana!”*
“Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!” 10“Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.”
“Hosiana wɔ ɔsorosoro!” 11Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.