Native Bible

Mark 11:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni.

Mark 11:31 in English

Mark 11:31 · Berean Standard Bible

They deliberated among themselves what they should answer: “If we say, ‘From heaven,’ He will ask, ‘Why then did you not believe him?’

Context

29Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me! 30Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!” 31Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni. 32Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” 33Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.