Native Bible

Mark 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”

Mark 1:15 in English

Mark 1:15 · Berean Standard Bible

“The time is fulfilled,” He said, “and the kingdom of God is near. Repent and believe in the gospel!”

Context

13Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no. 14Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. 15Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!” 16Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. 17Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.