Mika 6:13
Micah 6:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo, Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo.
Micah 6:13 in English
Micah 6:13 · Berean Standard Bible
Therefore I am striking you severely, to ruin you because of your sins.
Context
11Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu,
ne nsisie nkariboɔ
na ɔmfa ne ho nni anaa? 12Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;
mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ
na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. 13Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo,
Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo. 14Mobɛdidi, nanso moremmee;
ɛkɔm bɛkɔ so ade mo.
Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee,
ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena. 15Mobɛdua nanso morentwa.
Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi.
Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.