Micah 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguaseɛ rento yɛn.”
Micah 2:6 in English
Micah 2:6 · Berean Standard Bible
“Do not preach,” they preach. “Do not preach these things; disgrace will not overtake us.”
Context
4Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.
Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi
bɛdi mo ho fɛ sɛ:
‘wɔasɛe yɛn koraa;
wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.
Ɔgye firi me nsa mu!
Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ” 5Enti morennya obi wɔ
Awurade asafo mu
a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no. 6“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka.
“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;
animguaseɛ rento yɛn.” 7Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa.
Awurade Honhom nni boasetɔ?
Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa?
“Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene
no yie anaa? 8Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre
te sɛ asraafoɔ.
Moworɔ ntadeɛ pa firi
wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho,
ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.