Native Bible

Matthew 9:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”

Matthew 9:21 in English

Matthew 9:21 · Berean Standard Bible

She said to herself, “If only I touch His cloak, I will be healed.”

Context

19Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie. 20Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 21Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.” 22Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no. 23Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.