Mateo 8:2
Matthew 8:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”
Matthew 8:2 in English
Matthew 8:2 · Berean Standard Bible
Suddenly a leper * came and knelt before Him, saying, “Lord, if You are willing, You can make me clean.”
Context
1Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi. 2Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.” 3Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ, “Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho. 4Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.