Mateo 6:21
Matthew 6:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.
Matthew 6:21 in English
Matthew 6:21 · Berean Standard Bible
For where your treasure is, there your heart will be also.
Context
19“Monnhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ asase yi so, deɛ ntɛferɛ bɛtumi awe, na ɛbɛtumi awe nnaakye na asɛeɛ, na akorɔmfoɔ bɛtumi awia. 20Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakye nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia. 21Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ. 22“Ani yɛ onipadua kanea. Ɛno enti sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nyinaa yɛ hann. 23Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.