Mateo 6:14
Matthew 6:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo.
Matthew 6:14 in English
Matthew 6:14 · Berean Standard Bible
For if you forgive men their trespasses, your heavenly Father will also forgive you.
Context
12na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,
sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. 13Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.
Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’ 14Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo. 15Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.” 16“Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.