Native Bible

Matthew 5:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no.

Matthew 5:40 in English

Matthew 5:40 · Berean Standard Bible

if someone wants to sue you and take your tunic, let him have your cloak as well;

Context

38“Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’ 39Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no. 41Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. 42Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.