Mateo 5:11
Matthew 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so.
Matthew 5:11 in English
Matthew 5:11 · Berean Standard Bible
Blessed are you when people insult you, persecute you, and falsely say all kinds of evil against you because of Me.
Context
9Nhyira ne apatafoɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma. 10Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn,
na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea. 11“Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. 12Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no. 13“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.