Native Bible

Matthew 4:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.

Matthew 4:23 in English

Matthew 4:23 · Berean Standard Bible

Jesus went throughout Galilee, teaching in their synagogues, preaching the gospel of the kingdom, and healing every disease and sickness among the people.

Context

21Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. 22Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no hɔ bɛdii nʼakyi. 23Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. 24Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 25Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.