Native Bible

Matthew 27:65 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.”

Matthew 27:65 in English

Matthew 27:65 · Berean Standard Bible

“You have a guard,” Pilate said. “Go, make the tomb as secure as you know how.”

Context

63kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ɔtorofoɔ no kaa ɛberɛ bi sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsane aba nkwa mu bio.’ 64Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no.” 65Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.” 66Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura hɔ nkɔwia amu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.