Mateo 27:52
Matthew 27:52 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ.
Matthew 27:52 in English
Matthew 27:52 · Berean Standard Bible
The tombs broke open, and the bodies of many saints who had fallen asleep were raised.
Context
50Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ. 51Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ. 52Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ. 53Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree. 54Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.