Mateo 27:21
Matthew 27:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?” Na ɛdɔm no bɔ gyee so sɛ, “Baraba!”
Matthew 27:21 in English
Matthew 27:21 · Berean Standard Bible
“Which of the two do you want me to release to you?” asked the governor. “Barabbas,” they replied.
Context
19Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me.” 20Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ, wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu. 21Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?”
Na ɛdɔm no bɔ gyee so sɛ, “Baraba!” 22Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?”
Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!” 23Pilato bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”
Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.