Native Bible

Matthew 26:49 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa sɛ, “Me wura, atuu!”

Matthew 26:49 in English

Matthew 26:49 · Berean Standard Bible

Going directly to Jesus, he said, “Greetings, Rabbi!” and kissed Him.

Context

47Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ. 48Na Yuda aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, ɛfiri sɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no. 49Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa sɛ, “Me wura, atuu!” 50Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Damfo, deɛ wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. 51Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.