Mateo 26:29
Matthew 26:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahennie no mu.”
Matthew 26:29 in English
Matthew 26:29 · Berean Standard Bible
I tell you, I will not drink of this fruit of the vine from now on until that day when I drink it anew with you in My Father’s kingdom.”
Context
27Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Mo nyinaa monnom bi, 28na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ. 29Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahennie no mu.” 30Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 31Wɔduruu deɛ wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ sɛ,
“ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwankuo no abɔ apete.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.