Mateo 21:22
Matthew 21:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.”
Matthew 21:22 in English
Matthew 21:22 · Berean Standard Bible
If you believe, you will receive whatever you ask for in prayer.”
Context
20Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?” 21Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. 22Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.” 23Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no. 24Yesu kaa sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.