Native Bible

Matthew 20:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”

Matthew 20:31 in English

Matthew 20:31 · Berean Standard Bible

The crowd admonished them to be silent, but they cried out all the louder, “Lord, Son of David, have mercy on us!”

Context

29Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” 31Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” 32Yesu duruu deɛ wɔteteɛ hɔ no, ɔgyina, bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛpɛ sɛ yɛhunu adeɛ!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.