Mateo 20:29
Matthew 20:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi.
Matthew 20:29 in English
Matthew 20:29 · Berean Standard Bible
As they were leaving Jericho, a large crowd followed Him.
Context
27Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. 28Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too hɔ sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa.” 29Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” 31Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.