Native Bible

Matthew 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.”

Matthew 19:9 in English

Matthew 19:9 · Berean Standard Bible

Now I tell you that whoever divorces his wife, except for sexual immorality, and marries another woman, commits adultery.*”

Context

7Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?” 8Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. 9Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.” 10Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.” 11Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.