Mateo 19:10
Matthew 19:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”
Matthew 19:10 in English
Matthew 19:10 · Berean Standard Bible
His disciples said to Him, “If this is the case between a man and his wife, it is better not to marry.”
Context
8Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. 9Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.” 10Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.” 11Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.