Mateo 16:7
Matthew 16:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.
Matthew 16:7 in English
Matthew 16:7 · Berean Standard Bible
They discussed this among themselves and concluded, “It is because we did not bring any bread.”
Context
5Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane. 6Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.” 7Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa. 8Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane? 9Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.