Mateo 15:32
Matthew 15:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.”
Matthew 15:32 in English
Matthew 15:32 · Berean Standard Bible
Then Jesus called His disciples to Him and said, “I have compassion for this crowd, because they have already been with Me three days and have nothing to eat. I do not want to send them away hungry, or they may faint along the way.”
Context
30Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 31Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn. 32Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.” 33Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?” 34Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?”
Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.