Native Bible

Matthew 15:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”

Matthew 15:25 in English

Matthew 15:25 · Berean Standard Bible

The woman came and knelt before Him. “Lord, help me!” she said.

Context

23Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.” 24Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ.” 25Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!” 26Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.” 27Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.