Native Bible

Matthew 12:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn.

Matthew 12:38 in English

Matthew 12:38 · Berean Standard Bible

Then some of the scribes and Pharisees said to Him, “Teacher, we want to see a sign from You.”

Context

36Mereka makyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. 37Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ”. 38Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn. 39Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho. 40Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.