Mateo 12:23
Matthew 12:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?”
Matthew 12:23 in English
Matthew 12:23 · Berean Standard Bible
The crowds were astounded and asked, “Could this be the Son of David?”
Context
21Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ.” 22Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirani na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ. 23Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?” 24Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne.” 25Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.