Native Bible

Matthew 12:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum; kɔsi sɛ ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba.

Matthew 12:20 in English

Matthew 12:20 · Berean Standard Bible

A bruised reed He will not break, and a smoldering wick He will not extinguish, till He leads justice to victory.

Context

18“Monhwɛ mʼakoa a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no, mede me honhom mɛgu no so, na wabu amanaman atɛn. 19Ɔrenko, na ɔrenteateam. Na obi rente ne nne abɔntene so! 20Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum; kɔsi sɛ ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba. 21Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ.” 22Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirani na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.