Luka 9:55
Luke 9:55 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim,
Luke 9:55 in English
Luke 9:55 · Berean Standard Bible
But Jesus turned and rebuked them.*
Context
53Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?” 55Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase. 57Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.