Native Bible

Luke 9:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa.”

Luke 9:13 in English

Luke 9:13 · Berean Standard Bible

But Jesus told them, “You give them something to eat.” “We have only five loaves of bread and two fish,” they answered, “unless we go and buy food for all these people.”

Context

11Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no wɔ no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ. 12Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.” 13Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa.” 14Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” 15Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.