Native Bible

Luke 7:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan, ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’

Luke 7:27 in English

Luke 7:27 · Berean Standard Bible

This is the one about whom it is written: ‘Behold, I will send My messenger ahead of You, who will prepare Your way before You.’*

Context

25Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie? 26Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ. 27Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan, ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’ 28Meka kyerɛ mo sɛ onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sene Yohane. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!” 29Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.