Luka 7:18
Luke 7:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ.
Luke 7:18 in English
Luke 7:18 · Berean Standard Bible
Then John’s disciples informed him about all these things.
Context
16Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn yie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Odiyifoɔ kɛseɛ bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asiane aba ne manfoɔ mu.” 17Deɛ Yesu yɛeɛ yi ho asɛm trɛ kɔduruu Yudea ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu. 18Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ. 19Yohane somaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?” 20Asuafoɔ no duruu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yohane Osubɔni asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.