Luka 6:42
Luke 6:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no.
Luke 6:42 in English
Luke 6:42 · Berean Standard Bible
How can you say, ‘Brother,* let me take the speck out of your eye,’ while you yourself fail to see the beam in your own eye? You hypocrite! First take the beam out of your own eye, and then you will see clearly to remove the speck from your brother’s eye.
Context
40Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. 41“Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so? 42Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no. 43“Dua pa nso aba bɔne, na dua bɔne nso nso aba pa. 44Dua biara aba na wɔnam so hunu dua ko a ɛyɛ. Worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. Saa ara na worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.