Luka 6:41
Luke 6:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so?
Luke 6:41 in English
Luke 6:41 · Berean Standard Bible
Why do you look at the speck in your brother’s eye, but fail to notice the beam in your own eye?
Context
39Yesu nam abɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani ɛkwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu. 40Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. 41“Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so? 42Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no. 43“Dua pa nso aba bɔne, na dua bɔne nso nso aba pa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.